Kojo Antwi - Akonoba paroles de chanson

paroles de chanson Akonoba - Kojo Antwi



Ayerɛmo o
Ayerɛmo na twa ayerɛyerɛm yi o
Ositaso nso de awoɔ na ɛnam o
Nti mefrɛ wo a, bra o
Bra ma mengyegye wo so ɛ
Na ntoma ntomago koraa, ɛno ara na me ne wo bɛfira
Oh, ɔdɔ yɛwu, wo ne me kakyire, w'akyi no, obiara nni o
Oh, m'akoma mu kakyire ei, sa adukrom nsuo bɛgu me me nim ɛ
Na ɔdɔ nsukɔm de me
Bra o, bra o, bra o, ɔdɔ ei, nane w'ano me tɛkerema ho ei
Ɔdɔ ei, nane w'ano o, me tɛkerema ho ei
Na mese me ne wo bɛwo akɔnɔba
Ahh, me ne wo bɛwo akɔnɔba
Ohh, me ne wo bɛwu o
Ohh, me ne wo bɛwo akɔnɔba
Ahh, yɛbɛgoro ama adeɛ akye o
Ɔdɔ, woba a, mɛka wo aseresɛm bi
Mɛto nnwom dɛɛdɛ de adeda wo o, wo dabrɛ ɛne m'akoma mu o
Ɔdomankoma tɔfe a yɛtafere ho yi
Ɛnsa da, ɛne tɛkerɛma ei, ɔdɔ ei, mederetwɛn wo o
Oh, ɔdɔ yɛwu ei, woabie biribi so akyerɛ me ama m'adwen adi kyimhyia
Makyimkym ara, ama no abɛsi wo so ɛ
Annwummire yi, weather no de ne ho aba nti, bɛka me ho hye o
Ɔdɔ yewu ei, bra o
Ɔdɔ ei, nane w'ano o, me tɛkerema ho o
Ɔdɔ yɛwu ei, nane w'ano o, me tɛkerema ho ei
Na mese me ne wo bɛwo akɔnɔba
Ahh, me ne wo bɛwo akɔnɔba
Ohh, me ne wo bɛwu o
Ohh, me ne wo bɛwo akɔnɔba
Ahh, yɛbɛgoro ama adeɛ akye o
Fa ɔdɔ bɛkata me ho ɛ
Na nsuo a ɛdɔ wo no a, na ɛkɔ w'ahina mu a
Annwummire yi, me ne wo bɛwo akɔnɔba
Na yɛato ne din sɛ, ɔdɔ ba Nyamekyɛ ei
nane w'ano o
Oh oh, oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o
Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba ba ba ba
Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o
Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba
Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o
Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba
Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o
Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba
Ɔdɔ ei, bɛgye Ɔdomankoma toffee
Ɔdɔ ei, tɔfe Ɔdɔ ei



Writer(s): Kojo Antwi


Kojo Antwi - Love Classics
Album Love Classics
date de sortie
12-08-2013




Attention! N'hésitez pas à laisser des commentaires.