Okyeame Kwame feat. Quabena Maphia - Hepatitis B paroles de chanson

paroles de chanson Hepatitis B - Okyeame Kwame



Yeah (doctor)
You know the (meda a) name (menna) right?
Rap Doctor (ɛyɛ yare o)
Quabena Maphia (meda a, menna)
One Mic Entertainment (ɛyɛ yare o)
Check it, check it, check it (meda a menna)
Mese me ha, meda a, menna
Mentumi nnidi, me mu ayɛ ha
Mese me ti, fiti anɔpa
Kɔsi anadwo nyinaa, ɛpae me saa ara
To wo bo kakra, 'hyɛɛ aseɛ da bɛn?
Woanyini kakra? Woadi mfie sɛn?
Wo ho hye? Wo yere yare?
W'anim nte? Yoo, woaka a mate
Bɛyɛ afe ni na mentumi nnidi
Na yɛdwen Malaria, manom nnuro pii
Yɛachecke fo Jaundice nso ankɔsi hwee
Mfie aduanan, aah, ɛrenkyɛ na madi
Bɛn me kakra, menhwɛ w'ani ase
W'ani ayɛ yellow, saa na wo urine te?
Ɛno nso yellow, mia wo koko nifa no ase
ɛyɛ wo ya a, fa lab test no ma me
Hepatitis B
Ɛyɛ yare o, no, we'd confront it
Na mɛnka sɛ, "Mehunuuɛ a nka o"
Ɛyɛ yare o, ɛyɛ yare o
Mɛnka sɛ, "Mehunuuɛ a nka o, mehunuuɛ a nka o"
Ɛyɛ yare o, ɛyɛ yare o
Mɛnka sɛ, "Mehunuuɛ a nka o, mehunuuɛ a nka o"
Hepatitis B
Mebiee mu no, afei na mahunu
Woyɛ positive, ɛnso ɛmmɔ hu
Hepatitis B na ayɛ wo no
Yɛahunu nti mma biribi ara nhyɛ wo so
Ei doctor, nti merebɛwu
Agya me mma yi ma me yere abɛsu?
Ɛmu animguaseɛ na ɛbɔ me hu
Barima ahweaseɛ na ɛreba abɛduru yi
Wiase yi, obiara nni a 'ɔnyareɛ'
Yareɛ biara nni a ɛma animguaseɛ
Ennim sika, nnim hia, nnim fɛreɛ
Wo nkwa na ehia nti yɛnhwɛ sɛneɛ
Doc, yɛwɔ ano aduro? (Daabi)
Enti me wuo na 'aduruo'? (Daabi)
Enti yareɛ yi koraa, efiri hen?
Ɛbaa no sɛn na menyaa bi a ɛreku me yi?
Ɛyɛ yare o, ɛyɛ yare o
Mɛnka sɛ, "Mehunuuɛ a nka o, mehunuuɛ a nka o"
Ɛyɛ yare o, ɛyɛ yare o
Mɛnka sɛ, "Mehunuuɛ a nka o, mehunuuɛ a nka o"
Hepatitis B brɛboɔ mu kokoram
Obroni frɛ no 'Inflammation of the Liver'
Ɛkye wo brɛboɔ a n'ahoɔden so ate, ma yareɛ tumi wo
Nnoɔma pii na ɛde ba
Wofe obi ano na ɔwɔ bi a (wotumi nya)
Wo ne obi da na ɔwɔ bi a (wotumi nya)
Yɛma wo mogya na ebi mu a (wotumi nya)
Wotumi nya, wotumi nya
Ɛnnim abɔfra na ɛnnim ɔpanin (wotumi nya)
Ɛnnim sika na ɛnnim ohia o (wotumi nya)
Obiara tumi nya (wotumi nya, wotumi nya)
Ah-yeah, obiara tumi nya (wotumi nya)
Wofe obi ano na ɔwɔ bi a (wotumi nya)
Wo ne obi da na ɔwɔ bi a (wotumi nya)
Yɛma wo mogya na ebi mu a (wotumi nya)
Wotumi nya, wotumi nya
Ɛnnim abɔfra na ɛnnim ɔpanin (wotumi nya)
Ɛnnim sika na ɛnnim ohia o (wotumi nya)
Obiara tumi nya (wotumi nya, wotumi nya)
Ah-yeah, obiara tumi (wotumi nya) da, da-da, da-da
Ɛyɛ yare o, no, we'd confront it
Na mɛnka sɛ, "Mehunuuɛ a nka o"
Ɛyɛ yare o, ɛyɛ yare o
Mɛnka sɛ, "Mehunuuɛ a nka o, mehunuuɛ a nka o"
Hepatitis B



Writer(s): Kwame Nsiah Apau, Richie Mensah


Okyeame Kwame feat. Quabena Maphia - Hepatitis B
Album Hepatitis B
date de sortie
01-06-2016




Attention! N'hésitez pas à laisser des commentaires.