Obrafour - Aden paroles de chanson

paroles de chanson Aden - Obrafour



Ade akye awia, aaba, nipa di emia
ani kɔhwɛ Makɔla ni Kejetia
Kitikiti, ɛbi retɔ na ɛbi rewia
Abranteɛ adwuma den na gye w'akotua
Sika nyɛ sika, sika ne deɛ w'abrɛ kita
Ɛwɔ m' yɛbrɛ Nyame nti daa yɛdidi da
Ɛbi nom sii mu akyɛ, amaneamane nti wɔnduru da
Yɛn nyinaa yɛrehustle, adɛn na worebɛtwe me mogya
Mataheko, Dansoman, me ma mo damirifa
Ɔbra ne den ɛnso ɛwɔ yɛbɔ mmɔden
Obi su "Agyei!", obi so bɔtɔ m' OK
nea ɛteɛ biaa, oburoni se "
No pain no gain"
wante mfifiri a, wontumi nsi self-contained
Nti Ɔbrafoɔ ato me kasa tenten
Sista, gyae, gyae, na me tankoa da high
Menyaa anka mɛfly nso ɛnya antɔ me lie
Bɔyeɛ, wonni shirt, wobɛyɛ dɛn na w'abɔ flying tie
January, February, May, June, July
Nineteen, ninety-nine, do and die, I no go lie
We dey suffer, we dey hala, chale, Allah walayi
Ɛmma wo ho mpopo, abrɛbrɛsɛ tu wo ho fo
Abrabɔ mu nsɛm, wodwene ho a, wobɛtonko
Asɛm bɛba dabi, ɛnrushe nkɔ ti
Susu biribi, ɛmmfa wo sika nyinaa nkɔwe bayerɛ ne kyofi
Beebi aa nndwoyɛ, ayɛ tawee, ayɛ hot
Ato wo adwendwen, bra, kyerɛ me apio spot
Obi ntumi ngyina gye wabu four tots
Pressure da yɛn so, ayɛ yɛgyina High Court
Obi ntumi ngyina gye wabu four tots
Pressure da yɛn so, ayɛ yɛgyina High Court
Naa daa, mu yi nsɛm yi (adɛn ne amanesɛm yi)
Na yɛyɛ no dɛn ni (na adɛn ne abɛbrɛsɛ yi)
Na yɛreka no sɛn ni (Ewiase amanesɛm yi)
yɛkaayɛ o (n'ahokyerɛ bebreebe yi)
Nipa bɛbrɛ e (na adɛn na abɛbrɛsɛ yi)
Asaase yi so o (yɛrebrɛ)
Nipa bɛbrɛ o (yɛrebrɛ)
Ɔga eno be easy, thirty nine days in Agege
Ɔbra no agye m'ani, ama m'atadeɛ to nyinaa atete
Petepetepete, seniwaa ne deede
Chale menhu so, nti mɛba Nkran abɛgye me kenkey
Ɔbra ne amanehu, woka no bebree a, na woreyɛ dede
Na doala, ma brada, na, true, me ho hyehye me
Mfifiri bɔne ɛfiri me
Mehu me ho rekyere me
Meda a, menda adeɛ rebɛkye a, na me pressure aba
Mese mentumi nnda, ɛyɛ a, na me pressure aba
Agyanka, dabɛn koraa na me nso me mberɛ bɛba?
Me nko a, me tiri bɔne, mete train mu a na meeso me nneɛma
Kaa papa ammbɔ me, nea ɛɛbɔɔ me no nkyɛkyɛnma
M'abɛbrɛ, mennim, ɛyɛ me nkrabea
Anaa ɛyɛ me nhyɛbrɛ
Sunsum no pɛ, nanso ɔhonam no mmrɛ
M'adwen saa, m'afɔn, aka me ti, menni honam
Merekɔpɛ biibi akɔdi, ɛne mebɛyɛɛ dɛn na ɛnam
Ankonam, mmɔbrɔwa
Meeyere me ho deɛ menya me so ne me kakrawa
Ɔbra no gu so rewind me te gramophone apaawa
Ayere, obiaa de repepere
Oh, Ewurade, dabɛn na me nso me nsoroma bɛpue
Naa daa, mu yi nsɛm yi (adɛn ne amanesɛm yi)
Na yɛyɛ no dɛn ni (na adɛn ne abɛbrɛsɛ yi)
Na yɛreka no sɛn ni (Ewiase amanesɛm yi)
yɛkaayɛ o (n'ahokyerɛ bebreebe yi)
Nipa bɛbrɛ e (na adɛn na abɛbrɛsɛ yi)
Asaase yi so o (yɛrebrɛ)
Nipa bɛbrɛ o (yɛrebrɛ)
Abrabɔ mu nsɛm dɔɔso, ɛtɔ dabi mpo a, menya sika nntɔ drɔɔso
Manyere me ho a, sɛɛ ohia bɛto me chalk
Ajɔs, gyae me na mereyɛ abɔ loss
Wohwɛ me nikaboka ne me guarantee a, mehia socks
Mayɛ mmrɛ, ɔbra no agu me ho chicken pox
Wohu no sɛn, ɛbaa no sɛn?
Asɛm bɛn, yɛɛyɛ no dɛn?
Akwantu mu nsɛm, wookɔ akɔda na wabɛdi dɛn?
Ɛnyɛ easy, mekae me nipa Jomo, ɛne n'adanfo Tono
Wobɛhu no anɔpa tutuutu na ɔkita ne dondo
Ɔɔbɔ de tɔn n'aduru, alataman mu fifty kobo
Ɔɔbrɛ, n'adwen nyinaa ayɛ no lotto, lotto
Wɔaka akyerɛ me sɛ, nkakra nkakra ɔbɛtɔ Vono
Adwuma bɔne te krɔnoo, bebree na ɛdi hia
Chale, menni akatua, mede ka a, mɛyɛ dɛn atua?
Wobisa me taku ne daama, simpowa ne kaprɛ, menya
Metwe a, ɛmba, dabi da, empty container
Menyaa anka mɛyɛ winner na makɔgye aburokyire visa
Abusua mo mboa me, due
Asaase yi so, boafoɔ na, ɛnso
Yɛka no sɛn, anoma ɛntu a, obua da
Hwɛ abɔnten so, hwɛ nea nipa dasani deda
Deɛ ɔbɛfura, ne deɛ ɔbɛdie, ɔnya, akɔnɔ
Chaley, Bantama kakro, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi?
Menni sika, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi?
Bantama kakro, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi?
Menni sika, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi?
Awerɛhosɛm, nipa nenam, mɔbɔmɔbɔ
Coins atete yɛn bɔtɔ
Sika nti, buronya so a, na yɛwe akokɔ Adɛn, abrabɔ
Obi bɛseɛ, more than, more than, yɛntumi nka, yɛntumi nka
Naa daa, mu yi nsɛm yi (adɛn ne amanesɛm yi)
Na yɛyɛ no dɛn ni (na adɛn ne abɛbrɛsɛ yi)
Na yɛreka no sɛn ni (Ewiase amanesɛm yi)
yɛkaayɛ o (n'ahokyerɛ bebreebe yi)
Nipa bɛbrɛ e (na adɛn na abɛbrɛsɛ yi)
Asaase yi so o (yɛrebrɛ)
Nipa bɛbrɛ o (yɛrebrɛ)




Obrafour - Pae Mu Ka
Album Pae Mu Ka
date de sortie
18-02-2015




Attention! N'hésitez pas à laisser des commentaires.