Pure Akan - Medo Ye Soronko текст песни

Текст песни Medo Ye Soronko - Pure Akan




Ɔdɔ Awaamu
Ndwom a etwa toɔ
Won a wonim me se mayɛ adeɛ
Ɔdɔ na ɛyɛ
Anadwo yi bra me nkyɛn
Mere twɛn wo nti yɛno ntɛm
wobɛdru me nkyɛn a
Mene wo bɛbɔ nkɔmɔ nkɔmɔ
Nkɔmɔ bi a yɛbɛ di anadwo yi nka nkyerɛ obiaa o
Ɛyɛ wonkoa wonkoa na woateɛ
Ɔdɔ e hwɛ na wo anka nkyerɛ obiaa
Na ɛyɛ wonkoa wonkoa na woateɛ
Ah, mɛnka nkyerɛ obiaa mɛnka nkyerɛ obiaa
Oo yɛbɛ di agorɔ bi
Oo yɛbɛ di agorɔ bi
Ɔdɔ yɛwu ei fa wokoko bra na fam me bo
Na gyae gyae woho fa gugu medo
Na meka asɛm bi ngu waso mu
Na obiaa ante agorɔ a mene wo goro
yɛkasɛ yɛnkɔ a mene wo fro
meko no nei wopɛ a na wo agyegye ho
wo bue pono no na wo kokasɛ me mmra
Na wobɔ me din me gye woso
me bubu hyia wo a hyie hyia mebi
Na me mia mia wo a mia mia me bi
Wei ɔdɔ ayensin nte nfifre mɛnsuro na npra npoli
ebiem na wopɛ agye a fa no kwa
mebɔ no tenten nsoa kye bi na
wo men na yɛhu a na ɛyɛ
Neɛ yɛɛyɛ deɛ
Mese nkyerɛ obiaa o
Na ɛyɛ wonkoa wonkoa na wo ateɛ
Ɔdɔ e hwɛ na wo anka nkyerɛ obiaa
Na ɛyɛ wonkoa wonkoa na wo ateɛ
Ahh nka nkyerɛ obiaa
Mɛnka nkyerɛ obiaa
Oo yɛbɛ di agorɔ bi
Mɛnka nkyerɛ obiaa
Oo yɛbɛ di agorɔ bi
Yɛse yɛn frofro fro dru so a wobɛko
Na yɛn sane mra fɛm nsoa wobɛ ba
Na yadi awie ama no asa no na obiaa ada no
meda kyɛ a wobɛ
manko no ntɛntɛmtem a wobɛka
Na mewie na ansɔ ani a wobɛsɔ mensa
De akɔ neɛ ɛsɛsɛ ɛkɔ
Na wo akyerɛ me bɛbia ɛwɔ
Makoma mu toffee ei tumi agye awo adi
ɛyɛ medɛ a me mene a entwi
wogye me di a dabiaa wobɛ nya adi
Wobɛ men ama ada adi
nya abotrɛ a yɛbɛ didi pii
ntɛm nte na obi anya bi adi
Yɛdi wie a ndani ya kyi
Mene woara nti
Mese nka nkyerɛ obiaa o
Hwɛ na wo ankɔka ankyerɛ obiaa
Hwɛ na wo ankɔka ankyerɛ obiaa
Hwɛ na wo ankɔka ankyerɛ obiaa
Hwɛ na wo ankɔka ankyerɛ obiaa
Hwɛ na wo ankɔka ankyerɛ obiaa
Hwɛ na wo ankɔka ankyerɛ obiaa
Hwɛ na wo ankɔka ankyerɛ obiaa
Ah me nkyerɛ obiaa
Me nkyerɛ obiaa a
Oo di agorɔ bi
Me nkyerɛ obiaa
Me nkyerɛ obiaa a
Oo di agorɔ bi
Ah me nkyerɛ obiaa
Me nkyerɛ obiaa a a a a a
Oo yɛbɛ di agoro bi
Me nkyerɛ obiaa
Me nkyerɛ obiaa a a a
Oo yebe di agoro bi
Me nkyerɛ obiaa
Ɔdɔ awaamu ndwom a etwa toɔ
Wɔn a wonim me mayɛ adeɛ
Wɔn a wo nnim me ɛyɛ soronko
Ɔdɔ na ɛyɛ
Wo mame ɔdɔ a
Mema wo bi
Wofa me onua a mefa wo bi
Wo mame odo a
Mema wo bi
Mema wo bi
Mema wo bi
Wo mame ɔdɔ a mema wo bi
Na wofa me onua a menso mefa wo bi
Wokyɛ me adeɛ a ɛsɔ mani
Manya bi ama wo anhyɛ mu ɛyɛ a ɛha me ti
Nti ebi bɛto mu a mekyɛ ebi
Na yɛhia me mmoa ɛyɛ me nyi mani
Afee wo fom me nsoa ɛyɛ a me ntwe no pii
Yɛse me nsɛm emmra nso makoma nti
Oo ah ɛyɛ ɔdɔ pa na ahyɛ me ma nti na ne brɛ o a
Makoma nti na mebrɛ yi
Oo ah ɛyɛ odo pa na ahyɛ me ma nti na ne brɛ o a o
Makoma nti na mebrɛ yi
Me nim meka wo ho a wo gyidie
Wo hu me sereɛ a ɛma wo ani gye gye
Wote mano kasa a ɛma wo anibue
Na wo ne nante a wo sua me bebree
Mepɛ me no yie nti na mebrɛ yi
Wo ka meho nsɛm ɛdɛn na meye yi
Asɛ ɛyɛ akyɛ me kura me gyidie
Wo ho ɛkyere woa na wo hu neɛ ogyina wakyire
Me nafofoɔ ate wɔnho akɔ
Mabusuafoɔ nso bebre noa a
Madofo nyinaa se ɔdɔ no abɔ
Mete yi meni yɔnkoɔ
Dodoɔ ne me sere nso ne ɛndi agrɔ
Me bɛn woa neɛ wo hua a ne obuo ne ɔdɔ
Me nkyerɛ me ho ɛtɔ dabi a me ngye sika ma mabɔ
Mena mafom adwene yɛwɔ onua
Dodoɔ noa na akyerɛ me adi me hwamɔ
Nso medaso a me sre medɔ soronko
Oo ah eye ɔdɔ pa na ahyɛ me ma nti na ne brɛ o o
Makoma nti na mebrɛ yi
Oo ah ɛyɛ ɔdɔ pa na ahyɛ me ma nti na ne brɛ o o
Makoma nti na mebrɛ yi
Oo ah eye ɔdɔ pa na ahyɛ me ma nti na ne brɛ o o
Makoma nti na mebrɛ yi
Oo ah ɛyɛ ɔdɔ pa na ahyɛ me ma nti na ne brɛ o o
Makoma nti na mebre yi



Авторы: Bernard Nana Appiah, Traditional, Stephan Portig, Joel Turkson



Внимание! Не стесняйтесь оставлять отзывы.
//}