Strongman feat. Akwaboah - Transformer текст песни

Текст песни Transformer - Strongman , Akwaboah



Hey! Na woate anaa? (Tubhani Muzik)
Sarkcess Music
Ɔdɔ, me ne wo na ɛsii so o
Ɛnyɛ ɛnnɛ na merebɛhyia wo na obi abɛtu me fo o
'99 Soloku, me ne wo na ɛtwii so o
Masoa nsa no ara aah, afei mahyia deɛ ɔso nsuo o
Me dɔfo, mɛhwɛ wo yie, na obi ammɛtweetwe wo
Me da m'akoma so, nti me mmɛteetee wo
Mma boys nyɛ see-sew, ɔmofrɛ wo a kyeekyew
Ɔdɔ, deɛ ɛku me ne senea ɛyɛ a woseresere o
Ɔkyekye ma me anɔpa, kata me ho anadwo fa
Ahoɔfɛ akyi, ɔmmɔ me ka, meka sɛ, "Da" a, na wada
Me se hwan, hwan na ɔte wiase a ɔmpɛ adepa
Ahoɔfɛ, fa w'abusua bra, yɛnnom yɛn sika sa
M'abusua no agye wo atum a yɛnkɔhu sɔfoɔ
Ampa o, ɔdɔ ayɛ mpaboa, emu go ahodoɔ
Wohu 'Galantee' kakrakaa nso so na ɛnni boɔ
Saa a ɛnyɛ hyerɛnhyerɛm nyinaa na ɛyɛ sika kɔkɔɔ, hey!
Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah
Me ne wo yi ɛnsa da
obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer
Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah
Me ne wo yi ɛnsa da
obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer
As-Salaam-Alaikum, asɛ Maame ani kum
Wahu Hammer no, Agyekum, still ɔse me ara aah na ɔgye tom'
Efiti mmerɛ a mehyiaa wo deɛ, me han no ɛnnane sum
Yɛn no, nka ɛnyɛ yie a anka againstfoɔ ayi fum?
Wo ahyɛ m'akoma ma, yɛn no asɔ gyama
Ɔsom me ne nana, nti mehu no a memfe Mama
Me nko me buroni, manhu w'anim a meda a ɛnna
Againstfoɔ ei! Monyɛ komm, na Wudome, ɛnhye gyama
Me dɔ, wo body yi deɛ, ɛ'akɔnɔ, asɛ French rice
Tell everyone who dey talk say, "We ain't Christ"
Manhu wo birth rite, mɛhwɛ wo ara aah to wo death rite
We be two, but biribi hia wo a, I no go think twice
Ɔdɔ deda da me fam, me te me yam kɔm
Ɛba no anigyeɛ a yɛgye bi, still ɔdɔ Nyamesom
Hwɛ ne soro bɛsi ne fam, ne aniamma ne ne kɔn
Wohu no a wohu ɔbaa nie, ɛnyɛ deɛ ɔrebɛkɔm, hey!
Mehyiaa wo bɛsi nnɛ, sika hyɛ kotokuom'
Wode wo nsa ka no deɛ a, woato pɛtɛ tuo
Ɔhyɛ mini mpo ne suban fi kɛseɛm'
Mada mpo ɔyane me serve me anadwo dasuom', hey!
Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah
Me ne wo yi ɛnsa da
obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer
Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah
Me ne wo yi ɛnsa da
obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer
Baby, oh, baby, oh, oh-oh
Yɛmmubu nnua ngu y'asom', na nipa deɛ saa ne ahoɔyaa, oh, oh-ooh
Babe, lady, oh, lady, oh, oh-oh
Yɛmmubu nnua ngu y'asom', na nipa deɛ saa ne ahoɔyaa, oh-oh
me nsa, lets take a walk by the beach side
Show me the road that what we have is
So strong, and it feels right, yeah-eh
Ɔdɔ, woamma a, ah-ah, nka me ho mmɔbɔ te akokɔ baatan
Enti woaba abɛdɔ me a, me ne wo ara na ɛrekɔ eh
Ma ɔmo nka deɛ ɔmo bɛka ɛ
Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah
Me ne wo yi ɛnsa da
obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer
Ɔmo bɛyɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ, ayɛ ara aah
Me ne wo yi ɛnsa da
obi se ɔnte aseɛ a, ɔbɛtumi ahugge transformer



Авторы: Denis Anaba, Osei Kwaku Vincent


Strongman feat. Akwaboah - Transformer (feat. Akwaboah)
Альбом Transformer (feat. Akwaboah)
дата релиза
17-06-2017



Внимание! Не стесняйтесь оставлять отзывы.