Kojo Antwi - Adiepena paroles de chanson

paroles de chanson Adiepena - Kojo Antwi



Ade pa na (pronounced together as Adeɛ p′ɛna)
Ade pa na aah!
M'afrɛ wo w′ahomatorofoɔ no so 'a thousand times'
Nanso ɛnne bi kakyerɛ me adum
Wowɔ ′out of coverage area′, ama mennhu ade a menyɛ
Ade pa na aah!
Anka me ne wo na ɛbɔ nkosua tafre
Nti wo ampara na woayɛ me mu yi
Nti me ampara na woayɛ me sei
Wose wo ne me too nkwanta a, yɛapae
Ooh! oh! oh!
Menim wokaa mma menfrɛ wo biom
Menim wokaa mehu woreba koraa a, mentwa mu
Menim wokaa mehyia wo sunsum koraa a, menhwɛ na maankyea no
Nanso mayɛ ho biara mentumi o
Mepɛ mete wo ne 'one more time′
Mepɛ mehu w'anim ɛbiom
Mepɛ ɛkwan ahua wo ho perfume
Ɛno ne me awerɛkyekyerɛ
Mepɛ wodɔ me ′once again'
Ade pa na ooh!
Ɛnora anka truck kɛseɛ bi reyam me koraa
na traffic light no asɔ ogya
Nanso wo ho adwendwen nti medwen na ɛse mentwa mu
Ade pa na ooh!
Anka metumi ase ɔsram apata wo a
Anka mɛtu akɔ soro te sɛɛ akrɔma, ate kyɛkyɛ nso aka ho
Ama w′akoma atɔ wo yamu
Menim wo a'warn' me menso wo ho daɛ biom uuh!
Menim wokaa mebɛto obi reku wo koraa mentwa mu uuh!
Menim wokaa mehyia wo sunsum koraa menhwɛ na maanka ′hello′
Hwɛ deɛ wose ayɛ me
Mepɛ mete wo ne dɛɛdɛ no 'one more time′
Mepɛ mehu w'anim fɛfɛɛfɛ no ɛbiom
Mepɛ kwan ahua wo ho perfume
Ɛno na ɛma awerɛkyekyerɛ, mepɛ mete wo kasa no
Mepɛ mekan w′asene ahweneɛ
Mepɛ mesɔre anɔpa wo koko so ɛ
Mepɛ mesɔ wo nsa me sɔfo anim ɛ
Mepɛ
Mepɛ wodɔ me once again
Repeat
Ade pa na, wo ho ayɛ na Ade pa na aa! Ade pa na aa! (repeat)
M'adeɛ bi ayera, m′adepa bi ayera, ade pa na
Me ne wo na ɛbɔ kosuaa tafre
Wo ne m'adamfowaa, m'adeɛ bi ayrea, m′adepa bi ayera



Writer(s): Kwadjo Antwi Tano


Kojo Antwi - Mwaaah!
Album Mwaaah!
date de sortie
01-01-2009




Attention! N'hésitez pas à laisser des commentaires.