Kojo Antwi - Happy Anniversary paroles de chanson

paroles de chanson Happy Anniversary - Kojo Antwi



Awaresɔ o
kɛtɛ woɔ, fa me to so ɛ
Krɔkrɔ me te baby nfo ɛ
My baby, baby
Ma me ho nhia wo annwummire yi Yi me nan ase mpaboa, hohoro me nan aseɛ
Ma mnte nka sɛɛ me nko ne wo dehyeɛ, ooh baby baby!
Ma me ho nhia wo annwummire yi Ɛndɛ me ne wo deɛ afehyia da
Ɛda me ne wo, kaa yi bɔɔ mu
Wode wo bɔhyɛ kaawa hyɛɛ me nsa
Mede me deɛ hyɛɛ wo nsa
And sealed it with a kiss, uhh! yeah!
Ɛndɛ yi afehyia da, me e
Ɛda a, wo de wo ntoma bɔɔ me deɛ ano
Wosree ′nervously' kakyerɛɛ me sɛɛ, "You do"
Mepenee so sɛɛ "I do"
For better for worse
Fa Luther nnwom bi si so ɛ
Hono ɛwoɔ bi gu me mene mu ɛ, ooh baby baby!
Ma me ho nhia wo annwummire yi, ma ɔdɔ nsɔ ɔdɔ ɛɛ
Afehyia pa o! ɔdɔ ei, happy anniversary
Uuh! Me happy anniversary
Ma me ho nhia wo annwummire yi Happy, happy, happy anniversary Happy, happy, happy anniversary, happy, happy
Ɛndɛ me ne wo deɛ afehyia da, me ma memfeeli soronko biom ɛ
Ma mente nka sɛɛ wohia me nkoaa te berɛ a yɛkɔɔ honeymoon no
Yɛnto bo nhyɛ yi ma
Ɛndɛ me ne wo deɛ afehyia da, afe sɛsɛɛ na yɛawo ntaafoɔ, fɛfɛɛfɛ
Na wode panin no ato w′agya, mede kakra bɛto m'agya
Ye yi bɛyɛ krabɛhwɛ uuh!
Kyekyere ɛpɔ bi ti me tiri mu ɛ
Ka asɛm dɛɛdɛ bi gu m'aso mu ɛ, ɛnnɛ anwumerɛ
Ma me ho nhia wo ɛnnɛ anwumerɛ, ma me ho nhia wo ɛnnɛ anwumerɛ
Afehyia pa o! ɔdɔ ei, happy anniversary
Uuh! Me happy anniversary
Ma ɔdɔ nsɔanwumerɛ yi, me ho nhia wo annwummire yi
Afehyia pa o! ɔdɔ ei, happy anniversary
Uuh! Me happy anniversary
Ma me ho nhia wo annwummire yi Ooh, ooh ooh oooh! Ooh ooh ooh!
Ma ɔdɔ nsɔ anwumerɛ yi, me ho nhia wo anwumerɛ yi



Writer(s): Kwadjo Antwi Tano


Kojo Antwi - Mwaaah!
Album Mwaaah!
date de sortie
01-01-2009




Attention! N'hésitez pas à laisser des commentaires.