Obrafour - Kwame Nkrumah Lyrics

Lyrics Kwame Nkrumah - Obrafour



Yɛkɔgyina baabi na yɛfrɛ mo a na nyɛ adebɔne
Ghanaman mu ha, yɛbu nne, yɛpɛ nkwankyerɛne
Nsɛnkyerenee kyerɛ Ghanaman no ɛmpɛ nsɛmmɔne
Kofi babɔne, mebɔ kɔkɔ gyae ne bɔne
Kyerɛma asantebɔ Ghanaman montie
Me nie, Obrafoɔ, mewɔ fahodie
Nkrumah mmɔdenmmɔ, nkunimdie
Hunu sɛ, yɛn ara asaase ni, ɛyɛ abɔdenden ma yɛn
Mogya a nananom hwie gu nyinaa de too ma yɛn
Dom yɛn, boa yɛn, gye yɛn
Aduru me ne wo so nso bɛyɛ bi atoa soɔ
Muamua so, kata so, ɔman mu deɛ ɛmma so
Ɛnnɛ yɛbisa wo deɛ woayɛ ama ɔman Ghana, wobɛka sɛn?
Lɔyafoɔ, dɔktafoɔ, ma memmisa nɛɛsefoɔ
Adwadifoɔ, draevafoɔ, ma memmisa fitafoɔ
Ɛkwaafoɔ, teelafoɔ, ma memmisa baabafoɔ
Solgyafoɔ, tikyafoɔ, ma memmisa sukuufoɔ
Ɔbrafoɔ, Ghana rap sofoɔ
Mese mesrɛ amanfoɔ
Monyinaa nyɛ baako
Ɛfiri yɛte faako
Prayɛ yi, woyi baako a na ɛbu
Wokabɔ mu a, ɛmbu
Kɔbia Asante Kɔtɔkɔ, wokum apem a, apem bɛba is the motto
Yɛnfa nkɔto lotto
Panin mu mmofra, yɛse monya ntoboaseɛ ne ahobraseɛ
Monyi nidie na monkoto
Bible kyerɛ di wo agya ne wo na ani
Wo nkwa na so aware asaase yi so
Ɛnti monyɛ brɛbrɛo
Ghana me ne wo dea
Na yɛkabɔ mu a, na ɛbɛyɛ yie
2 x
Tweduampɔn K wame, nsa, yao
Osoro ne asaase yaa, nsa, yao
Nananom nsamanfoɔ nsa, yao
Yɛnyi Kwame Nkrumah paɛ
Ghanafoɔ e
Wo he, gyina nkyɛn, ɔfoforo twen mmɛn
Megyina ha ma Ghana,
Mefrɛ Ɔsagyefo Dr Kwame Nkrumah
Yɛbɔ wo din, wo deɛ woyɛ ntin
Wode wo nyansa na ɛgyee Ghana too bɛyɛɛ ɔhene
Ɛwim mu, yɛdinn, borɔfo koma bobirim
Ɛfiri wɔhunu w ' akokoduro dɔɔ so te nwi
Dr Kwame Nkrumah, wodeɛ wo nyansa te nsoroma
Afrikaman mu nyinaa yɛgye wo tumu wonim nwoma
Baakɔma, woanni ate, ɔsabarima
Woanni efiri te aborɔnoma
W ' adom ne wo adaworoma ama Ghana anya fahodie
Wiase amansan nyinaa mo nso monyɛ aso na montie
Brekete, bibini ni ma wo homene so
Brekete, adehyeman ma wo homene so
Brekete, Asante ni ma wo homene so
Brekete, Fante ni ma wo homene so (Ghanafoɔ e!)
Brekete, Ayigbe ni ma wo homene so
Brekete, Kwahu ni ma wo homene so
Hausa, Akuapem, Akyem, Bono, Dagomba, Nkran
Ghanafoɔ nyinaa (Ghanafoɔ e!)
Afei merebɛgu nsa
Ɔsagyefo Dr Kwame Nkrumah, bra bɛgye nsa
Nananom mpaninfoɔ a mode mo kra too gye
Ghanaman maa yɛn nso, yɛɛto nsa
Afrɛ mo ne Ghana abusua biara nsamanfoɔ mommɛgye nsa
Monnyina ɛkyɛ di, gyinapa, yɛsrɛ mommɔ ɔdɔ nsa
Nipa bɔne a ɛka ne nko a
Ɔman Ghana anim gu aseɛ deɛ
Momma memmɔ ne tiri so
Ɔman Ghana nkwa so
Ɔmanpanin nkwa so
Ɔbrafoɔ me nkwa so
Amammerɛ kwan so, yɛnkɔ
Repeat till fade



Writer(s): Michael Elliot Kwabena Okyere Darko


Obrafour - Pae Mu Ka
Album Pae Mu Ka
date of release
18-02-2015




Attention! Feel free to leave feedback.