Obrafour - Maame paroles de chanson

paroles de chanson Maame - Obrafour



Obrafoɔ
Mpem mmienu
2, 000
Ghana
Mabɛduru
Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Obrafoɔ maseda nie
Maame wayeyi ni
Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Obrafoɔ mese maseda nie
Maame wayeyi ni
Yo!
Awoɔ yɛya nso woampaaba
Wabadayɛ deɛ ɛnna menhuu bi da
Medwen woho a menhu deɛ me nka
Ampa obiaa ntimi nyɛ mma me deɛ wayɛ ama me me wiase
Me mmɔfra ase
Wode ntoboaseɛ
Ahobraseɛ
Anya meho nteaseɛ
Na wode bɛsi nnɛ
Nti mede me tɛkrɛma bɛpaemu akasɛ medawase
Nhyira nka wodin
Nyame ma wo ahoɔden
Me nyin na me wo aa
Maame na mɛto no abadin
Watete mewɔ Nyame suro kwan so
ɔdɔ a wayi no adi akyerɛ me no deɛ ɛboro meso
ɛberɛ nyinaa meti da woso
Oh! Nyankopɔn
Twiediampɔn
Wona wo bɔɔ ɔsoro ne asaase ne nyankontɔn
ɛna wo bɔɔ me ɔbrempɔn
Deɛ meserɛ wo ne hyira me maame anim mprenpren
Ma wɔn nkwa nna asaase so ɛnyɛ tenten



Writer(s): Michael Elliot Kwabena Okyere Darko


Obrafour - Asem Sebe
Album Asem Sebe
date de sortie
31-03-2015




Attention! N'hésitez pas à laisser des commentaires.