Kojo Antwi - Medofo Pa текст песни

Текст песни Medofo Pa - Kojo Antwi



Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛreba ei
Masɔre anɔpa, me ho nfa me o
Ɔdɔ afe m'ano, manya ahomeka
m'aba mu bu a, ɔsere kyere me o
Wɔama awɔsini agu me o, manya ahoɔden foforo bi o
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ da gya mu
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ hyehyehyee
Ɔdɔ yɛwu ei, wo nkɔmmɔ da gya mu
Saa na ɔteɛ, ɔbrɛ ne ho ase o
Ɔmpɛ ne ho asɛm nso, na ahwene pa nkasa o
Tumtum broni e, obibini mu obibini ei
Mebɔ wo nsemmrane a, gye me so ɛ
Ao, ɔdɔ yɛwu ei
Oh, ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna, oh
Oh, ɔnni a, mensu dɛɛbɔɔ
Oh, ɔnni a, anisuo bɔkiti ma
Ɔdɔ yɛwu ei, fa wo nsa bɛto me kɔn mu a
Ka asɛm dɛɛdɛ bi kyerɛ me ei ma me ho nsɛpɛ me o
Me mu piesie, wode adam abɛyɛ
Mete wo so a, masɔre
Ao, ɔdɔ yɛwu
Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ no, ɔbɔɔ obiara ne ne deɛ ei
manya me dɔfo yi a, mentwetwe n'ase o
ɔfiri adwuma reba a, mede amirika na ɛbɛkɔ ahyia no ei
Na mayɛ no awaawaatuu, ɔdɔ yɛwu aba a, tenase o
Na mɛhwɛ w'aniwama mu, ɛno na ɛma me awerɛkyekyere ei
Mehu wo a, na me ho atɛ me ei
Ao, ɔdɔ yɛwu ei
Ɔdɔ yɛwu ei, me na merefrɛfrɛ wo ei
Oh, ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna, oh
Oh, ɔnni a, mensu dɛɛbɔɔ
Oh, ɔnni a, anisuo ankorɛ ma
Ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna, yei
Wonni a, meda a, ɛnna
Ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna, ha ha ha
Ɔnni a, meda a, ɛnna, ha ha ha
Ɔdɔ nni a, anisuo nkoaa (anisuo ha)
Ɔnni a, anisuo nkoaa (bɔkiti ma)
Ɔdɔ nni a, anisuo nkoaa, ha ha ha
Ɔnni a, anisuo nkoaa, ha ha ha
Ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna, yea
Ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna, yea yea
Ɔnni a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni a, anisuo nkoaa (ɔdɔ nni a)
Ɔdɔ nni a, anisuo nkoaa (yea yea)
Ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna (meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni a, anisuo nkoaa (anisuo nkoaa)
Ɔdɔ nni a, anisuo nkoaa
Ɔdɔ nni a, meda a, ɛnna



Авторы: Kojo Antwi


Kojo Antwi - Love Classics
Альбом Love Classics
дата релиза
12-08-2013




Внимание! Не стесняйтесь оставлять отзывы.