Kojo Antwi - Me Nya Ntaban A текст песни

Текст песни Me Nya Ntaban A - Kojo Antwi



Oh, hey, menya ntaban
Menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te abrɔnoma o
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Ɔbaahemaa, ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim agorɔ die
Obi nfrɛ no mma me o, ayee
Ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim deɛ m'akoma e
Obi nfrɛ no mma me o ae
Menya ntaban
Menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te abrɔnoma o
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Oh, deɛ ohia bɛyɛ ni
Ohia ɛtumi atete yɛn ntam
Ama ɔdɔ yɛwu daamabi a
Ebuoo, mese, merekɔpɛ ohia ano aduro aba
Me na menam asuensuan ni
Oh, deɛ ohia bɛyɛ ni
Ohia ɛtumi atete yɛn ntam
Ama ɔdɔ yɛwu akɔda baabi basaa a
Ebuoo, obi mmɛsen nkɔhwɛ me dɔfo yi o
Wɔafɔn aka prayɛ o
Ɛnti, menya ntaban
Menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te anoma kwatubrɛ e
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Oh, oh, ohia ku m'akɔnɔ
Ayee, ohia ama madane ɔha e
Aboa ɔha ntaban
Nanso, ɔtu a, ɔnkɔ soro e
Anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Oh, ohia adambɔ
Ohia ɛku me akɔnɔ
Me nsam susu bebree, aka me tiri mu
Ɔmama, na menyɛ no dɛn ni
Akwankwa, akwankwa nyɛ aniha e
Oh, agye daabi o, na mɛka m'asɛm
Ah, akwankwa, akwankwa nyɛ aniha e
Oh, agye daabi o, na mɛka m'asɛm
Akwankwa na mereka no sɛn ni
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, na mato ɔpɛtɛ tuo
Akwankwa na mereka no sɛn ni
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, na mato ɔpɛtɛ tuo
Ayee, ayee, amanneɛ o
Baabi a, yɛde ti bɛto koraa, ɛyɛ a, na adane amanneɛ o
Akwantuo yi, ama me adane nsonsono o
Menni ani nti, mede me ti ɛrepempem o
Menam sansan nanso mennim baabi a, merekɔ a
Manante, manante, manante, nanso mennuru baabi merekɔ a
Na Nyame ammoa me na mekɔtɔ nkranne mu a
Buo, buo, buo, na mereyɛ no dɛn ni
Akwankwa na mereka no sɛn ni
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, na mato ɔpɛtɛ tuo
Akwankwa na mereka no sɛn ni a
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni o
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, na mato ɔpɛtɛ tuo
Ayee, mato ɔpɛtɛ tuo a
Ɔbaako ara nkunu nso, na merekɔka no sɛn ni o
Na ɛyɛ me sɛ, ɛna me nko ammɔ ahwam
Me tuo abɔ ba nso na aka baako o
Ayee, ayee, ayee, me na mabɔ ka o
Akwankwa na mereka no sɛn ni
Akwankwa na mereyɛ no dɛn ni
Ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛkum akorɔma o
Buo, buo, buo, na mato ɔpɛtɛ tuo
Enti, menya ntaban
Menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Na awɔ de me o
Menya ntaban a, anka mɛtu te anoma ɔkɔdeɛ e
Mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
Ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
Ah, oh Ah, oh Aah




Kojo Antwi - Love Classics
Альбом Love Classics
дата релиза
12-08-2013




Внимание! Не стесняйтесь оставлять отзывы.