Okyeame Kwame feat. Kesse - Sika текст песни

Текст песни Sika - Okyeame Kwame , Kesse



I'm hot, I'm cool (me)
I'm tough, I'm soft (ah)
I'm kind, I'm new (eh)
I'm the rhythm to your heartbeat (Rap Doctor, obidombie ei)
Who am I? (Cash, sika), ooh-oh
Kesse, to
Obidombie ei, metim firi tete ei
Mete hɔ, mentete ei
Ewiase yi mu ntɔkwa, ɛne anigyeɛ
Ne nyinaa ara, me ntia
Mefiri fie a wonya asomdwoeɛ ei
Menka wo ho a, awareɛ nyɛ ei, eh
Mefiri ɔpanin ho a, ne tiri mu dwene nyinaa
Na wayɛ abɔfra, 'bɔfra, 'bɔfra
Yɛfrɛ me sika (dollar, naira, pounds, money, money)
Yɛfrɛ me sika (yen, CFA, cedi, money, money)
Yɛfrɛ me sika ei (dwɛɛtɛɛ)
Na meyɛ wo homee (ha, ha, ha, ha)
Yɛfrɛ me sika (dollar, naira, pounds, money, money)
Yɛfrɛ me sika (yen, CFA, cedi, money, money)
Yɛfrɛ me sika ei (dwɛɛtɛɛ)
Na meyɛ wo homee (ha, ha, ha, ha)
I've caused many wars, broke many laws
Economists and politicians know I'm the boss
Broken homes and marriages, yes I'm the cause
The people 'sparking' knowledge is all my fault (all my fault)
And I know I'm wrong
But through negativity, I get strong (I get strong)
It's through reality that I was born (oh, oh)
Leave you with insanity, and I'm long gone
Na me ara menim dea mefiri
610BC, Ɔhene Creosus
Firi tete Lydia a ɛnnɛ wiase yɛfrɛ no Turkey
Etwaa me yɛɛ me coin memmɛboa wiase dwadi
Nanso me ho anibrɛ nti, daabi wiase tumi nti
Nkorɔfoɔ ko, twa wɔn ho ti
ɔmo bɛsie na ɔmo anya bi
ɔmo bɛpue na ɔmo anya din
ɔmo repie a obiara ayɛ dinn
Nyɛ me nsusueɛ ne merebɛma ohiani biara adwendwen (dwen, dwen)
Yɛfrɛ me sika (dollar, naira, pounds, money, money)
Yɛfrɛ me sika (yen, CFA, cedi, money, money)
Yɛfrɛ me sika ei (dwɛɛtɛɛ)
Na meyɛ wo homee (ha, ha, ha, ha)
Yɛfrɛ me sika (dollar, naira, pounds, money, money)
Yɛfrɛ me sika (yen, CFA, cedi, money, money)
Yɛfrɛ me sika ei (dwɛɛtɛɛ)
Na meyɛ wo homee (ha, ha, ha, ha)
Ɛtɔ da a m'adwen kyerɛ me me ho hia kyɛn Nyame
Firisɛ obi mpaeɛ kata n'ani kyerɛ Nyame
Na ɔbɔ, bɔ, ara, na ɔbɔ ara hwehwɛ me
Enti ɔtɔ soro ara, ɔbɛkɔ so a gye me
Me dwetɛ aduasa pɛ, nti Judas yii Yesu mmaaeɛ
Matthew 26, 14 to 16 koraa na ɛkaaeɛ
Sɔfo, tikya, lawyer, doctor, me ne obiara daeɛ
Wada akata n'ani, nso me ho adwendwen nti na ɔnnaeɛ
Akura tumi bɛfa me firi mpatiri de me kɔhyɛ mpa ase
Ma barima a ɔdɔ ne yere n'asom' pee, pee, pee
Nkuro dodɔ wɔn ho, nso me nti asɛm kakraa bi
Na asraafoɔ atwe tuo, daa yɛte no pee, pee, pee
Ewiase mu anigyeɛ, ne mu hee, hee, hee
Wohwɛ me yie deaa, ɛnneɛ wobɛyɛ yie
Enti onua mia ne nua, na ɔyere yere ne kunu
Na agya tumi gya ɔba ma ɔmama
Na ɔmo da ɛkɔm ma wɔn wɔfa adwuma
Na ɔnyini bɛyɛ ɔmama, na ɔde tan hyia n'agya
Yei nyinaa me ntia, wonni me a wonni nhyira
Me nsusueɛ ne merebɛkyerɛ wo kwan ama woanyera
Yɛfrɛ me sika, oh (dollar, naira, pounds, money, money)
Yɛfrɛ me sika (yen, CFA, cedi, money, money)
Yɛfrɛ me sika ei (dwɛɛtɛɛ)
Na meyɛ wo homee (ha, ha, ha, ha)
Yɛfrɛ me sika (dollar, naira, pounds, money, money)
Yɛfrɛ me sika (yen, CFA, cedi, money, money)
Yɛfrɛ me sika ei (dwɛɛtɛɛ)
Na meyɛ wo homee
Yɛfrɛ, yɛfrɛ me sika
Yeah, yeah, ooh-oh, ah
Hwehwɛ me kwan pa so o, oh (oh)
Mɛma wo anidasoɔ o, oh (oh)
Na maka wo ho o, oh (oh)
Memfiri wo ho o, oh (oh)
Nanso no kae hunu (oh)
Mebɛtena a menkyɛ koraa (oh)
Enti no di bi, na sie bi, na boa obi, na dabi dabi (oh)
Wo nso wobɛyɛ yie
Oh, ooh-oh, wobɛyɛ yie
Yɛfrɛ me sika, ooh-oh, yeah
Oh yeah, yeah, yeah, oh
Yɛfrɛ me sika, yɛfrɛ me sika



Авторы: Kwame Nsiah Apau, Zapp Mallet


Okyeame Kwame feat. Kesse - The Versatile Show
Альбом The Versatile Show
дата релиза
14-12-2012




Внимание! Не стесняйтесь оставлять отзывы.