Okyeame Kwame feat. Nana Yaa - Odo Wohe текст песни

Текст песни Odo Wohe - Okyeame Kwame , Nana Yaa



It's so 'foncusing' (nah), it's so 'foncusing' (nah) ah
It's so 'foncusing' (nah), erh, (it's so 'foncusing')
Ɔdɔ hen? Na merehwehwɛ no o
Firisɛ makyin mabrɛ, nanso menhu no o
Mɛyɛ deɛn na me nsa aka no o?
Firisɛ madwen mabrɛ, nanso mente aseɛ o, oh
Ɔrema ahuhuro na ɔrema awɔ
Ɔma anigyeɛ, ma awerɛhoɔ
Ɔte akoma, ma anigyina nso ɛtɔ da a, ɔno ara na wasɔ
Ɔrema ahuhuro na ɔrema awɔ
Ɔma anigyeɛ, ma awerɛhoɔ
Ɔte akoma, ma anigyina nso ɛtɔ da a, ɔno ara na wasɔ
Merehwehwɛ ɔdɔ, mere-merehwehwɛ ɔdɔ
Merehwehwɛ ɔdɔ, mere-merehwehwɛ love everywhere
Merehwehwɛ ɔdɔ, mere-merehwehwɛ ɔdɔ
Merehwehwɛ ɔdɔ, looking for love everywhere
La-la, la-la (it's so 'foncusing')
La, la-la (it's so 'foncusing')
La-la, eh, la-la (it's so 'foncusing')
Love
La-la, la-la (it's so 'foncusing')
La, la-la (it's so 'foncusing')
Rap Doctor, la-la, eh, la-la (it's so 'foncusing')
Mmm-hmm, love (urgh)
Na mekye no a
Ɛmma wo bo mfu, woba na merehwe no a
Ɛnyɛ saa a, ɔkyena, ɔbɛkye girl bi ate n'akoma
Na metwetwe no a, n'ataadeɛ a ɛhyɛ no na metete no a
Wopata na mepete wo a
Ɛnyɛ menni suban, wonim mente saa
Mennim, mennim deɛ ɔdɔ rehwehwɛ adasa ho
Ɛnnɛ, ɔkyena, deɛ ɔyɛ ara ne ɔdi me tirim' dɛm
Makyin, makyin nso menhu no, benkum, nifa
Mahwɛ baabi ara, mentiee ne din nnɛ nanso ne ntɛm
Madwen, madwen, ɔyɛ nipa o, ɔyɛ aboa o
Ɔbaa bɛnm' o, mehwɛ a menhu wo enti na merekam'
Mahwɛ nifa, mahwɛ benkum, mafa ɛsoro, mafa ɛfɔm
Mahwɛ efie, afei masi nwuram'
Ɔdɔ hen? Na merehwehwɛ no o
Firisɛ makyin mabrɛ, nanso menhu no o
Mɛyɛ deɛn na me nsa aka no o?
Firisɛ madwen mabrɛ, nanso mente aseɛ o, oh
Ɔrema ahuhuro na ɔrema awɔ (ah)
Ɔma anigyeɛ, ma awerɛhoɔ (ah)
Ɔte akoma, ma anigyina (ah) nso ɛtɔ da a, ɔno ara na wasɔ
Ɔrema ahuhuro na ɔrema awɔ (ah)
Ɔma anigyeɛ, ma awerɛhoɔ (ah)
Ɔte akoma, ma anigyina (ah) nso ɛtɔ da a, ɔno ara na wasɔ
La-la (it's so 'foncusing')
La, la-la (it's so 'foncusing')
La-la, eh, la-la (it's so 'foncusing')
Love
La-la, la-la (it's so 'foncusing')
La, la-la (it's so 'foncusing')
La-la, la-la (it's so 'foncusing')
Mmm-hmm, love
Mahwɛ benkum, mahwɛ nifa (mabrɛ agu)
Manwɛn anɔpa, anadwo manna (mabrɛ agu)
Mate, mapɛ, mafrɛ ara aah, ɔmma (mabrɛ agu)
Ɛsoro, ɛfɔm, ɛntam', mafa
Menenam ara, menenam ara aah
Mekɔhyiaa panin bi a ɔde nyansa ayɛ ne poma
Na ɔse, "Krakye yi, mehwɛ a wonni akoma"
Efie ha koraa na wonhunu ɔdɔ da"
Tie, baabi a ɔdɔ no abufuo nni (yeah)
Nokware, nteaseɛ na ɛhwɛ ne soɔ (yeah)
Asomdwoe ne han na ɛtwa ne ho (yeah)
Deɛ ɛbɔ ho ban ne anidahɔ
worehwehwɛ ɔdɔ a, onua, ma w'ani nna
Ɛnyɛ saa a, woabrɛ agu
Efirisɛ ɔdɔ ho nna
Menim ɔno na ɔte akoma, na ɔsan nso ma anigyeɛ
Hwehwɛ no akoma mu, ɛhɔ na wobɛhu no
Left, right, up and down (merehwehwɛ ɔdɔ)
North, south, back and forth (merehwehwɛ ɔdɔ ei)
Left, right, up and down (merehwehwɛ, merehwehwɛ)
North, south, back and forth (merehwehwɛ ɔdɔ)
ɔyɛ tenten (merehwehwɛ), tiatia a (ɔdɔ)
(Mere-merehwehwɛ ɔdɔ) merehwehwɛ ɔdɔ
ɔyɛ nipa o (merehwehwɛ ɔdɔ), adeɛ bi a
Merehwehwɛ (looking for love everywhere) ɔdɔ
ɔyɛ tuntum, kɔkɔɔ (merehwehwɛ ɔdɔ), kɛseɛ, ketewa a
(Mere-merehwehwɛ ɔdɔ, merehwehwɛ ɔdɔ)
(Merehwehwɛ ɔdɔ, looking for love everywhere) yɛnkɔ ɛ
(Merehwehwɛ ɔdɔ) ei, (mere-merehwehwɛ ɔdɔ) ɔdɔ
(Merehwehwɛ ɔdɔ), merehwehwɛ (looking for love everywhere) ɔdɔ ei
Ɔdɔ (merehwehwɛ ɔdɔ) ɔdɔ, (mere-merehwehwɛ ɔdɔ) yeah
(Merehwehwɛ ɔdɔ) mmm, (looking for) merehwehwɛ (love everywhere) ɔdɔ
(Merehwehwɛ ɔdɔ, mere-merehwehwɛ) merehwehwɛ (ɔdɔ) ɔdɔ
(Merehwehwɛ ɔdɔ) oh, yeah (looking for love everywhere)
(Merehwehwɛ ɔdɔ, mere-merehwehwɛ ɔdɔ) ɔdɔ
(Merehwehwɛ) yeah (ɔdɔ), (looking for love everywhere) hahahaha



Авторы: Kwame Nsiah Apau, Zapp Mallet


Okyeame Kwame feat. Nana Yaa - Odo Wohe
Альбом Odo Wohe
дата релиза
02-06-2016




Внимание! Не стесняйтесь оставлять отзывы.