Kojo Antwi - Abofra текст песни

Текст песни Abofra - Kojo Antwi



Ɛyɛ musuo, ɔpanin ka, na woantie a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo, apɛtuprɛ su anadwo a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo a, ɛyɛ musuo o, ɛyɛ musuo
Tu wo fo, na mantie nti, monhwɛ m'awieyɛ o
Ao, maame e, ɛna, wo buo ni o
Asoɔden nti, menni ɔkamafoɔ
Ebuoo, na mereyɛ no dɛn ni o
Obrɛtuoba, adeɛ atɔ m'ani e
Metu m'ani a, ɛntɔ obiara anim o
Dasuo ahiri me a
Dasuo ahiri me o
Nsuo ahiri me a
Paapa kaayɛ, ɔkaayɛ a, ɔmmoa
Yee yee yee
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, woayoo
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, woayoo
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra ngwa, ɔbɔ ngwa a
Ɛyɛ musuo, ɔpanin ka, na woantie a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo, apɛtuprɛ su anadwo a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo, w'agya ka, na woantie a, ɛyɛ musuo
Ɛyɛ musuo, apɛtuprɛ su anadwo a, ɛyɛ musuo
Ao, maame e, yɛde me rekɔ o
Mehunuyɛ a, anka, nanso, aka akyire o
Ɔbrɛtuoba, na merekɔ no sɛn ni o
Metu m'ani a, ɛntɔ obiara anim o
Paapa kaayɛ o, ɛna mantie o
Oboasiako e, me na m'aso ni o
Dasuo ahiri me a Dasuo ahiri me o
Nsuo ahiri me a
Paapa kaayɛ, ɔkaayɛ a, ɔmmoa
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, woayoo
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, woayoo
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ, yee
Abofra ngwa, na ɔmmɔ akyekyedeɛ



Авторы: Kwadjo Antwi Tano


Kojo Antwi - Anokye
Альбом Anokye
дата релиза
24-07-1989




Внимание! Не стесняйтесь оставлять отзывы.