Kojo Antwi - Densu текст песни

Текст песни Densu - Kojo Antwi



Ɔdɔ yɛwu akra me
Ɔbɛba abɛda me nkyɛn
Memfa no nto mpa pampa so
Mpapa bɛbu, awɔ me e
Mede ahenemma bɛhyɛ no o
Mede me ntoma bɛsɛ fɔm
Ama no anante so aba o
Na me nansowaa kyiri mmɔsea
Ɔdɔ nansowaa kyiri mmɔsea
Me wiase akra me
Ɔbɛba abɛka me ho hye o
Menfa no nto ɔnyina dua ase
Ɔnyina bɛbu abɔ me yi
Mete ɔbi rebɔ mu a na me yam ahye me o
Ɛyɛ ɔdɔ ne anigyeɛ afrafra
M'awerɛkyekyerɛ bɔfoɔ reba o
Ɔreba abɛku me ho awɔseɛ o
Ɛnti ntɛm, ɔdɔ, ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena pɔnkɔ so bra
Pɔnkɔ nni a, nante bra
Bɛto wo densu gu me so
Medɔ asukɔ
Medɔ asukɔ wo densu mu o
Me piesie yi e
Medɔ asukɔ wo densu mu
Medɔ asukɔ wo densu mu
Nnsuolo hya ɔhe ni ɔba
Kyɔmo mi noko dani dzɛ atsele
Nmene okyikyi no ni maka mawɔ
Ɔhe ɔdze nma me mawɔ
Hyɔ ɔhe, Hyɔ ɔhe, Hyɔ ɔhe
Yɛntɛm, ɔdɔ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena car mu bra
Bɛtɔ wo densu gu me so
ntɛm ɔdɔ yɛntɛm bra
Afunuponko koraa ɔdɔ tena so bra
Afe koraa fa nante bra
Bɛtɔ wo densu gu me so
Ɔdɔ yɛwu akra me
Ɔbɛba abɛda me nkyɛn
Menfa no nto mpapa mpa so
Mpapa bɛbu, awo me do e
Mɛtɔ kingsize bed ama no o
Na me koko ayɛ suumie e
Ɛnnɛ yɛnda ma obi ada bi o
Ɔdɔ yɛwu densu ayiri me, ayiri me o
Nsuo refa a, nsuo nfa me
Ɛnti yɛntɛm, ɔdɔ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena keteke mu bra
Keteke nni ho a, tena car mu bra
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛtɔ wo densu gu me so ɛ




Kojo Antwi - Densu
Альбом Densu
дата релиза
01-01-2002




Внимание! Не стесняйтесь оставлять отзывы.